Exodus
10 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn, na mama kwan ama ɔne ne nkoa apirim wɔn akoma,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛyi me nsɛnkyerɛnne yi adi wɔ n’anim.+ 2 Ɛno bɛma wo nso woaka ama wo mma ne wo mmanana ate deɛ mede yɛɛ Egypt ne nsɛnkyerɛnne a meyii no adi kyerɛɛ wɔn no,+ na mobɛhunu ampa sɛ mene Yehowa.”
3 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Wobɛbɔ me so dwɛɛ akɔsi da bɛn?+ Ma me nkurɔfoɔ no kwan ma wɔnkɔsom me. 4 Na sɛ wosene wo kɔn na woamma me nkurɔfoɔ no ankɔ a, ɛnneɛ ɔkyena mɛma ntutummɛ aba w’asaase so. 5 Na wɔbɛkata asaase no so baabiara, na nnipa renhunu fam mpo; na biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no a ɛkaeɛ no, ntutummɛ no bɛdi ne nyinaa, na dua biara a ɛrefifi wɔ wuram no, wɔbɛwe.+ 6 Wɔbɛhyɛ w’afie ne wo nkoa nyinaa afie ne Egyptfoɔ nyinaa afie ma, na ɛbɛyɛ biribi a ɛfiri berɛ a w’agyanom ne wo nananom tenaa asaase yi so bɛsi nnɛ, obiara nhunuu bi da.’”+ Afei ɔdanee ne ho firii Farao anim kɔeɛ.
7 Ɛno akyi no, Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnkɔsi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛkɔ so ateetee yɛn?* Ma nkurɔfoɔ no nkɔsom wɔn Nyankopɔn Yehowa no. Egypt asɛe yi, enti wonhunuiɛ?” 8 Ɛnna wɔde Mose ne Aaron san baa Farao anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔsom mo Nyankopɔn Yehowa no. Hwannom na wɔbɛkɔ bi?” 9 Na Mose buaa sɛ: “Yɛn mmɔfra, yɛn nkɔkoraa ne yɛn mmerewa, yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na yɛne wɔn bɛkɔ,+ ɛfiri sɛ yɛrekɔdi Yehowa afahyɛ.”+ 10 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mema kwan ma mo ne mo mma kɔ a, ɛnneɛ na Yehowa di mo akyi ampa!+ Metumi hu paa sɛ adwemmɔne na mokura. 11 Daabi! Mmarima a wɔwɔ mo mu no nko ara na wɔbɛtumi akɔsom Yehowa, ɛfiri sɛ ɛno na mobɛbisaeɛ.” Ɔkaa saa no, wɔpamoo wɔn firii Farao anim.
12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa wɔ Egypt asaase so na ntutummɛ mmra Egypt asaase so, na asaase no so afifideɛ nyinaa, deɛ asukɔtweaa no ansɛe no biara, wɔmmɛwe.” 13 Ɛhɔ ara na Mose tenee ne poma wɔ Egypt asaase so, na da mu no nyinaa, Yehowa maa apueeɛ mframa bɔ faa asaase no so; ɛbɔɔ awia ne anadwo. Adeɛ kyee anɔpa no, apueeɛ mframa no soaa ntutummɛ baeɛ. 14 Afei ntutummɛ no tu baa Egypt asaase no nyinaa so, na wɔbɛsum asaase no so baabiara.+ Wɔsɛee adeɛ papaapa.+ Ná ntutummɛ a ɛte saa mmaa da, na ɛno akyi nso, ebi amma saa bio da. 15 Wɔkataa asaase no so baabiara maa asaase no so yɛɛ tumm; na wɔdii asaase no so nhaban ne nnuaba a asukɔtweaa no gyaeɛ nyinaa. Afei, na ahabammono biara nni dua anaa afuo mu afifideɛ biara so wɔ Egypt asaase nyinaa so.
16 Ntɛm ara na Farao frɛɛ Mose ne Aaron baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Mayɛ mo Nyankopɔn Yehowa no bɔne, na mo nso, mayɛ mo bɔne. 17 Afei mesrɛ mo, momfa me bɔne nkyɛ me nnɛ nko ara, na monsrɛ mo Nyankopɔn Yehowa mma me na ɔnyi mmusuo yi mfiri me so.” 18 Enti ɔfirii* Farao anim na ɔkɔsrɛɛ Yehowa.+ 19 Afei Yehowa danee mframa no ani, na atɔeɛ mframa denden bi bɔeɛ, na ɛtwee ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Ntutummɛ no baako mpo anka Egypt asaase so. 20 Nanso Yehowa maa kwan maa Farao pirim n’akoma,+ na wamma Israelfoɔ no ankɔ.
21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa kyerɛ soro na esum mmra Egypt asaase so, esum kabii a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie.” 22 Ntɛm ara na Mose tenee ne nsa kyerɛɛ soro, na esum kabii baa Egypt asaase nyinaa so nnansa.+ 23 Obiara anhu ne yɔnko anim, na obiara antumi ampue nnansa; nanso baabi a Israelfoɔ teɛ no deɛ, na hann wɔ hɔ.+ 24 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Monkɔsom Yehowa.+ Mo nnwan ne mo anantwie nko ara na ɛbɛka ha. Mobɛtumi de mo mma mpo akɔ.” 25 Nanso Mose kaa sɛ: “Wo na wobɛma yɛn* mmoa a yɛde bɛyɛ afɔrebɔdeɛ ne deɛ yɛde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ 26 Yɛn nyɛmmoa nso bɛka yɛn ho akɔ. Aboa baako* mpo renka ha, ɛfiri sɛ wɔn mu bi na yɛbɛyi de abɔ afɔreɛ ama yɛn Nyankopɔn Yehowa, nanso gye sɛ yɛduru hɔ ansa na yɛbɛhu deɛ yɛde bɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa.” 27 Na Yehowa maa kwan maa Farao pirim n’akoma, enti wampene so amma wɔankɔ.+ 28 Ɛnna Farao ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ! Hwɛ na woansi m’anim bio, ɛfiri sɛ da a wobɛba m’anim no, wobɛwu.” 29 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Woaka a mate. Merensi w’anim bio.”