-
Exodus 8:21, 22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 Na sɛ woamma me nkurɔfoɔ no ankɔ a, mɛma ahuriiɛ* aba wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ so ne w’afie mu, na ahuriiɛ bɛhyɛ Egypt afie ma, na asaase a wɔn nan* sisi so mpo, wɔbɛkata so nyinaa. 22 Saa da no, mɛyɛ Gosen asaase a me nkurɔfoɔ te so no soronko. Ohuriiɛ biara renkɔ hɔ,+ na woahu sɛ me Yehowa, mewɔ asaase yi so.+
-