3 ɛnneɛ hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma owuyareɛ+ ate asi apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan nyinaa mu. 4 Na Yehowa bɛma nsonsonoeɛ abɛda Israel nyɛmmoa ne Egypt nyɛmmoa ntam, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo renwu.”’”+