-
Exodus 10:16-19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 Ntɛm ara na Farao frɛɛ Mose ne Aaron baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Mayɛ mo Nyankopɔn Yehowa no bɔne, na mo nso, mayɛ mo bɔne. 17 Afei mesrɛ mo, momfa me bɔne nkyɛ me nnɛ nko ara, na monsrɛ mo Nyankopɔn Yehowa mma me na ɔnyi mmusuo yi mfiri me so.” 18 Enti ɔfirii* Farao anim na ɔkɔsrɛɛ Yehowa.+ 19 Afei Yehowa danee mframa no ani, na atɔeɛ mframa denden bi bɔeɛ, na ɛtwee ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Ntutummɛ no baako mpo anka Egypt asaase so.
-