Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 7:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Afei sɛ mede me nsa ka Egypt na meyi Israelfoɔ no firi wɔn mu a, ɛno na Egyptfoɔ bɛhu paa sɛ mene Yehowa.”+

  • Exodus 7:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Deɛ Yehowa aka nie: “Wei na ɛbɛma woahu sɛ mene Yehowa.+ Mede poma a ɛkura me yi rebɛbɔ Asubɔnten Nil mu na ɛbɛdane mogya.

  • Exodus 8:9, 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Mepɛ sɛ wo ara wokyerɛ berɛ a wopɛ sɛ mesrɛ ma wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ na mpɔtorɔ no firi mo so ne mo afie mu. Asubɔnten Nil no mu deɛ nko ara na ɛbɛka.” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɔkyena.” Enti Mose kaa sɛ: “Ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no, na ama woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn.+

  • Exodus 8:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Saa da no, mɛyɛ Gosen asaase a me nkurɔfoɔ te so no soronko. Ohuriiɛ biara renkɔ hɔ,+ na woahu sɛ me Yehowa, mewɔ asaase yi so.+

  • Exodus 14:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Mɛma kwan ama Farao akoma apirim+ na ɔbɛti wɔn, na mede Farao ne n’asraafoɔdɔm bɛhyɛ me ho animuonyam,+ na deɛ ɛteɛ biara Egyptfoɔ bɛhu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.

  • Deuteronomium 10:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+

  • Dwom 24:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa dea.+

      Asaase a ɛma nnɔbaeɛ ne wɔn a wɔtete so nyinaa yɛ ne dea.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane