-
Exodus 10:17-19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Afei mesrɛ mo, momfa me bɔne nkyɛ me nnɛ nko ara, na monsrɛ mo Nyankopɔn Yehowa mma me na ɔnyi mmusuo yi mfiri me so.” 18 Enti ɔfirii* Farao anim na ɔkɔsrɛɛ Yehowa.+ 19 Afei Yehowa danee mframa no ani, na atɔeɛ mframa denden bi bɔeɛ, na ɛtwee ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Ntutummɛ no baako mpo anka Egypt asaase so.
-