Genesis 15:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nanso mɛbu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na ɛno akyi wɔde agyapadeɛ bebree bɛfiri hɔ akɔ.+ Exodus 3:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Na mɛma nkurɔfoɔ no anya Egyptfoɔ anim adom, na sɛ morefiri hɔ akɔ a, moremfa nsapan nkɔ da.+ Exodus 11:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Afei ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ mmarima ne mmaa nyinaa, obiara mmisa deɛ ɔte bɛn no no hɔ nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ.”+ Dwom 105:37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Ɔgyee ne man firii hɔ de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ kaa wɔn ho;+Obiara nni n’abusuakuo mu a ɔyɛɛ mmerɛ.*
2 Afei ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ mmarima ne mmaa nyinaa, obiara mmisa deɛ ɔte bɛn no no hɔ nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ.”+