6 Mmom baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no, ɛhɔ na kum Twam aboa no. Kum no anwummerɛ a awia akɔtɔ,+ te sɛ berɛ a na worefiri Egypt no. 7 Noa aboa no nam na we+ no baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ,+ na adeɛ kye anɔpa a woasan akɔ wo ntomadan mu.