13 Ɛfiri sɛ abakan biara yɛ me dea.+ Ɛda a mekum Egypt asaase so mmakan nyinaa no,+ mehyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so fae, nnipa ne mmoa mmakan nyinaa.+ Enti wɔbɛyɛ me dea. Mene Yehowa.”
15 “Biribiara a nkwa wom* abakan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, onipa oo, aboa oo, ɛbɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mmakan deɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara, tua sika gye wɔn.+ Mmoa a wɔn ho nte mmakan nso, tua sika gye wɔn.+
19 “Hyira w’adwennini ne w’anantwinini a wɔyɛ mmakan no so ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Mfa wo nantwie* a ɔyɛ abakan nyɛ adwuma na ntwitwa wo dwan a ɔyɛ abakan ho nwi.
22 Bio nso, berɛ a ɛduruu sɛ wɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no,+ wɔde abɔfra no foro baa Yerusalem sɛ wɔde no rebrɛ Yehowa*23 sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Yehowa* Mmara mu no. Wɔatwerɛ sɛ: “Ɔbarima biara a wɔbɛdi kan awo no no,* ɛsɛ sɛ wɔhyira ne so* ma Yehowa.”*+