15 Monni paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ no. Berɛ a mahyɛ no bosome Abib+ mu no duru a, monni paanoo a mmɔreka nnim+ nnanson, ɛfiri sɛ saa bosome no mu na mofiri Egypt baeɛ. Na obiara mmfa nsapan mmma m’anim.+
3 Di no nnanson, na mfa biribiara a emu aka nka ho.+ Fa paanoo a mmɔreka nnim, anaa ahoyera paanoo, ka ho di, ɛfiri sɛ wode ahoperɛ na ɛfirii Egypt asase so baeɛ.+ Na wo nkwa nna nyinaa wobɛkae da a wofirii Egypt no.+