Exodus 12:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Na anadwo dasuom no, Yehowa kum Egypt asase no so abakan biara,+ ɛfiri Farao a ɔte n’adwa soɔ no abakan so kɔsi dommum a ɔda afiase abakan so. Ɔkum aboa biara abakan nso.+ Dwom 105:36 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Ɛnna ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa,+Wɔn ahoɔden mfitiaseɛ no.+ Dwom 135:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɔno na ɔkunkum Egypt mmakan,+Nnipa ne mmoa nyinaa.+
29 Na anadwo dasuom no, Yehowa kum Egypt asase no so abakan biara,+ ɛfiri Farao a ɔte n’adwa soɔ no abakan so kɔsi dommum a ɔda afiase abakan so. Ɔkum aboa biara abakan nso.+