7 Monnane mo ho nkɔ Amorifoɔ+ bepɔ so ne mmeammea a ɛbembɛn Araba,+ mmepɔ so+ ne Sefela ne Negeb+ ne mpoano,+ Kanaanfoɔ+ asase so, ne Lebanon,+ nkɔsi asukɛseɛ Eufrate+ ho.
21 Solomon dii ahennie nyinaa so, ɛfiri asubɔnten kɛseɛ+ no ho kɔsi Filistifoɔ asase so ne Egypt hyeɛ so. Nkurɔfoɔ de akyɛdeɛ brɛɛ Solomon, na wɔsom no ne nkwa nna nyinaa.+