5 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
30 Hwɛ wo ho yie na sɛ wɔsɛe wɔn a biribiara ansum wo fidie amma woankɔdi wɔn akyi.+ Hwɛ na woankɔbisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na aman yi faa so som wɔn anyame? Ma me nso menyɛ saa.’