30 Ɛno akyi no Danfoɔ no de honi a wɔasene+ no sii hɔ faeɛ. Na Mose ba Gersom+ ba Yonatan+ ne ne mma bɛyɛɛ Dan abusuakuo no asɔfoɔ kɔsii da a wɔfaa ɔman no kɔɔ nkoasom mu.+
7 Bio nso, ɔde bosom dua a wasene+ no sɛ ohoni no kɔsii fie hɔ, efie+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Efie yi ne Yerusalem a mayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no na mede me din bɛto soɔ akɔsi daa.+