Exodus 24:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na Mose bɛkaa Yehowa nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ+ no, na wɔn nyinaa de nokorɔ kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.”+ Exodus 24:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Enti Mose de mogya petepetee nkurɔfoɔ no so+ kaa sɛ: “Nsɛm yi nyinaa ho apam+ a Yehowa ne mo yɛeɛ no ho mogya nie.” Exodus 34:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ nsɛm yi to hɔ,+ ɛfiri sɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.”+ Deuteronomium 29:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yei ne apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam no Moab asase soɔ no mu nsɛm. Ɛsono apam a ɔne wɔn pam no Horeb no.+ Yosua 23:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 ɛfiri sɛ moabu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo no so, na moakɔsom anyame foforɔ akɔkoto wɔn.+ Na Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahye koraa afiri asase pa a ɔde ama mo yi so.”+
3 Na Mose bɛkaa Yehowa nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ+ no, na wɔn nyinaa de nokorɔ kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.”+
8 Enti Mose de mogya petepetee nkurɔfoɔ no so+ kaa sɛ: “Nsɛm yi nyinaa ho apam+ a Yehowa ne mo yɛeɛ no ho mogya nie.”
27 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Twerɛ nsɛm yi to hɔ,+ ɛfiri sɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.”+
29 Yei ne apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam no Moab asase soɔ no mu nsɛm. Ɛsono apam a ɔne wɔn pam no Horeb no.+
16 ɛfiri sɛ moabu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo no so, na moakɔsom anyame foforɔ akɔkoto wɔn.+ Na Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahye koraa afiri asase pa a ɔde ama mo yi so.”+