Exodus 3:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Afei Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ+ bi a ɛredɛreɛ mu. Berɛ a ɔhwɛɛ adeɛ no dinn no, ɔhunuu sɛ nkyɛkyerɛ no redɛre nanso ɛnhye. Exodus 23:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Meresoma ɔbɔfoɔ+ adi w’anim na ɔbɛhwɛ wo wɔ kwan so de wo akɔ baabi a masiesie+ no. Exodus 23:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Me bɔfoɔ bɛdi w’anim de wo akɔ Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, na mɛtu wɔn ase afiri so.+ Yosua 5:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Berɛ bi na Yosua wɔ Yeriko mpɔtamu hɔ baabi, afei ɔbɛma n’ani so a, ɔbarima+ bi na watwe nkrantɛ+ gyina n’anim yi! Ɛnna Yosua twe bɛn no bisaa no sɛ: “Hwan afã na wowɔ, yɛn anaa yɛn atamfo?”
2 Afei Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ+ bi a ɛredɛreɛ mu. Berɛ a ɔhwɛɛ adeɛ no dinn no, ɔhunuu sɛ nkyɛkyerɛ no redɛre nanso ɛnhye.
23 Me bɔfoɔ bɛdi w’anim de wo akɔ Amorifoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, na mɛtu wɔn ase afiri so.+
13 Berɛ bi na Yosua wɔ Yeriko mpɔtamu hɔ baabi, afei ɔbɛma n’ani so a, ɔbarima+ bi na watwe nkrantɛ+ gyina n’anim yi! Ɛnna Yosua twe bɛn no bisaa no sɛ: “Hwan afã na wowɔ, yɛn anaa yɛn atamfo?”