2 Ɔmaa n’ani soɔ no,+ ɔhunuu mmarima mmiɛnsa a wɔgyinagyina akyirikyiri. N’ani bɔɔ wɔn soɔ no ɔtuu mmirika firii ntomadan no ano kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase.+
6 Ɛnna ɔbaa no kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ sɛ: “Hwɛ, nokorɛ Nyankopɔn nipa bi baa me nkyɛn. Ne su te sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɔfoɔ,+ na ne ho yɛ hu paa.+ Nanso mammisa no baabi a ɔfire, na wammɔ ne din ankyerɛ me.+