10 Enti wɔde nokorɛ Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron.+ Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, ɛhɔ ara na Ekronfoɔ no teateaam sɛ: “Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛkunkum yɛn ne yɛn man!”+
14 Na nkuro a Filistifoɔ gye firii Israel nsam no, ɛsan bɛdii Israel nsam nkakrankakra, ɛfiri Ekron kɔsi Gat; ɛho nsase nso, Israel gye firii Filistifoɔ nsam.
2 Na Ahasia firii ne dan a ɛwɔ Samaria no atifi+ tokuro mu bɛhwee fam,+ na ɛbɔɔ no yareɛ. Enti ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔbisa+ Ekron+ nyame Baal-Sebub+ mma me sɛ mɛfiri yareɛ yi mu afiri anaa.”+