2Afei Nun ba Yosua somaa mmarima mmienu kodɛɛ firii Sitim,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔhwɛ sɛdeɛ asase no ne Yeriko kuro no teɛ.” Enti wɔsiim kɔeɛ, na wɔkɔduruu ɔbaa dwamanfoɔ bi a ne din de Rahab+ fie, na wɔsoɛɛ hɔ.
16 nsuo a ɛfiri atifi reba no nyinaa bɛgyinaa faako. Ɛyɛɛ tadeɛ kɛseɛ+ wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro bi a ɛbɛn Saretan.+ Enti nsuo a ɛsene kɔ po a ɛwɔ Araba anaa Nkyene Po+ no mu no twaa koraa maa ɔman no tumi twa kɔɔ Yeriko ntentensoɔ.