Numeri 14:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Sɛ yɛanya Yehowa anim adom+ a, ɔbɛhwɛ de yɛn akɔ hɔ na ɔde asase no ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ no. Deuteronomium 7:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 “Yehowa wo Nyankopɔn bɛpamo aman yi afiri w’anim nkakrankakra.+ Ɔremma wonsɛe wɔn nyinaa prɛko, anyɛ saa a wuram mmoa bɔne bɛbu so abɛha wo. Deuteronomium 33:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Israel, ma w’ani nnye!+Hwan na ɔte sɛ woɔ,+Ɔman a anya Yehowa nkwagyeɛ?+Ɔno ne wo kyɛm a ɔboa woɔ+Ne wo nkrantɛ kɛseɛ.+Enti w’atamfo ho bɛpopo w’anim+Na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn mmepɔ ne wɔn nkokoɔ so.”+ Yosua 13:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Asase a aka nie:+ Filistifoɔ+ ne Gesurfoɔ+ mpɔtamu hɔ nyinaa Asomafoɔ Nnwuma 7:45 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 45 Na yɛn agyanom a wɔnyaeɛ no ne Yosua+ de baa aman a Onyankopɔn yii wɔn firii yɛn agyanom anim+ no asase a na wɔte soɔ+ no so. Ɛtenaa ha ara bɛsii Dawid berɛ so.
8 Sɛ yɛanya Yehowa anim adom+ a, ɔbɛhwɛ de yɛn akɔ hɔ na ɔde asase no ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ no.
22 “Yehowa wo Nyankopɔn bɛpamo aman yi afiri w’anim nkakrankakra.+ Ɔremma wonsɛe wɔn nyinaa prɛko, anyɛ saa a wuram mmoa bɔne bɛbu so abɛha wo.
29 Israel, ma w’ani nnye!+Hwan na ɔte sɛ woɔ,+Ɔman a anya Yehowa nkwagyeɛ?+Ɔno ne wo kyɛm a ɔboa woɔ+Ne wo nkrantɛ kɛseɛ.+Enti w’atamfo ho bɛpopo w’anim+Na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn mmepɔ ne wɔn nkokoɔ so.”+
45 Na yɛn agyanom a wɔnyaeɛ no ne Yosua+ de baa aman a Onyankopɔn yii wɔn firii yɛn agyanom anim+ no asase a na wɔte soɔ+ no so. Ɛtenaa ha ara bɛsii Dawid berɛ so.