51 Yeinom ne nsase a ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israel agyanom mmusua mu atitire bɔɔ ntonto wɔ Silo+ kyɛ maa wɔn.+ Wɔyɛɛ saa Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano.+ Afei wɔwiee asase no kyekyɛ.
9 Afei Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no ne Israelfoɔ a aka no dii mpaepaemu, na wɔfirii Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no de wɔn ani kyerɛɛ Gilead+ asase so, agyapadeɛ a Yehowa nam Mose so de maa wɔn sɛ wɔntena soɔ no.+