14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mobɛwuo deɛ, anka yɛde yɛn kra bɛtwa so!+ Na sɛ moammɔ asɛm yi so na Yehowa de asase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛyɛ mo adɔeɛ na yɛadi mo nokorɛ.”+
15 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Wobɛdi m’anim de me akɔ afomfoɔ no nkyɛn?” Na ɔkaa sɛ: “Ka me ntam+ Onyankopɔn din mu sɛ worenku me, na worenyi me nhyɛ me wura nsa,+ na mɛdi w’anim akɔ afomfoɔ no nkyɛn.”