25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ wobɛkum ɔteneneeni aka ɔbɔnefoɔ ho ama no awie ɔteneneeni sɛ ɔbɔnefoɔ!+ Worentumi nyɛ saa da.+ Asase nyinaa temmufoɔ no renyɛ deɛ ɛtene anaa?”+
12 Afei mmarima no bisaa Lot sɛ: “Wowɔ obi ka wo ho wɔ ha? W’ase, wo mma mmarima ne wo mma mmaa anaa wo busuani biara a ɔwɔ kuro yi mu no, yi wɔn firi ha!+
26 Afei ɔka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho, na mommfa mo nsa nnka wɔn biribiara+ na wɔampra mo anka wɔn bɔne ho ankɔ.”
31 Ɛnna ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ.+ Enti yɛsrɛ wo, ma yɛmfa atweaatam+ mmobɔ yɛn asene+ na yɛmfa nhoma mmobɔ yɛn ti nkɔ Israel hene nkyɛn. Ebia ɔbɛkora wo kra so.”+