Leviticus 27:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 “‘Nanso sɛ obi yi n’agyapadeɛ bi si hɔ sɛ ɔde ama Yehowa korakora*+ a, ɛyɛ onipa oo, aboa oo, n’asase oo, obiara rentumi ntɔn, na ɔrentumi nnye bio nso.+ Ɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron ma Yehowa. Yosua 7:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Hwɛ, Israelfoɔ rentumi nnyina wɔn atamfo anim.+ Wɔn akyi na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfo, ɛfiri sɛ wɔadane abusudeɛ. Enti sɛ moanyi abusudeɛ yi amfiri mo mfimfini ansɛe no a, merenni mo akyi.+ 1 Samuel 13:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmra me nkyɛn.” Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.+ Mmebusɛm 11:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ahantan aba anaa? Ɛnneɛ animguaseɛ bɛdi akyire;+ na ahobrɛasefoɔ na nyansa ne wɔn teɛ.+ Mmebusɛm 14:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Ɛwɔ ɛkwan bi a ɛtene onipa ani soɔ,+ nanso n’awieeɛ yɛ owuo kwan.+ Mmebusɛm 21:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Deɛ ɔyɛ ahantan n’abufuo mu no, wɔbɛfrɛ no ɔhantanni ne ɔhohoahoafoɔ.+
28 “‘Nanso sɛ obi yi n’agyapadeɛ bi si hɔ sɛ ɔde ama Yehowa korakora*+ a, ɛyɛ onipa oo, aboa oo, n’asase oo, obiara rentumi ntɔn, na ɔrentumi nnye bio nso.+ Ɛyɛ akronkronneɛ mu adekronkron ma Yehowa.
12 Hwɛ, Israelfoɔ rentumi nnyina wɔn atamfo anim.+ Wɔn akyi na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfo, ɛfiri sɛ wɔadane abusudeɛ. Enti sɛ moanyi abusudeɛ yi amfiri mo mfimfini ansɛe no a, merenni mo akyi.+
9 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmra me nkyɛn.” Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.+