Dwom 3:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Me deɛ, mɛda me kɛtɛ so, na mada;Mɛnyane ɛfiri sɛ Yehowa gyina m’akyi.+ Dwom 4:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ me kɛtɛ soɔ, na asomdwoeɛ mu na mɛda,+Ɛfiri sɛ wo Yehowa nko ara na woma menya ahotɔ.+ Mmebusɛm 6:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Sɛ wonante a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;+ sɛ woda a, ɛbɛhwɛ wo so;+ sɛ wonyane a, ɛbɛdwene wo ho.
8 Asomdwoeɛ mu na mɛkɔ me kɛtɛ soɔ, na asomdwoeɛ mu na mɛda,+Ɛfiri sɛ wo Yehowa nko ara na woma menya ahotɔ.+