Mmebusɛm 26:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Woahunu onipa a ɔyɛ onyansafoɔ ɔno ara n’ani soɔ?+ Anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea+ sene no. Yesaia 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ wɔn ara wɔn ani so, na wɔbu wɔn ho nhunumufoɔ no nnue!+ Romafoɔ 12:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, monnya saa mma afoforɔ;+ monnnwennwene nneɛma akɛseɛ ho,+ na mmom monni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafoɔ.+
16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, monnya saa mma afoforɔ;+ monnnwennwene nneɛma akɛseɛ ho,+ na mmom monni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafoɔ.+