Mmebusɛm 5:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ne nan siane kɔ owuo mu.+ Na n’anammɔn kɔ Adamena* mu.+ Mmebusɛm 5:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Owuo na ɔbɛwuo, ɛfiri sɛ wannye ntenesoɔ,+ na ne nkwaseasɛm dodoɔ nti ɔyera.+ Mmebusɛm 9:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Nanso onipa no nnim sɛ awufoɔ wɔ hɔ, na Adamena* bunu mu na wɔn a ɔfrɛ wɔn no wɔ.+ Efesofoɔ 5:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ɛfiri sɛ monim yei, na mo ara mogye tom sɛ odwamammɔfoɔ+ anaa deɛ ɔyɛ afĩdeɛ biara anaa odifudepɛfoɔ+—a ɛkyerɛ ɔbosonsonni—nni apɛgyadeɛ biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn ahennie mu.+
5 Ɛfiri sɛ monim yei, na mo ara mogye tom sɛ odwamammɔfoɔ+ anaa deɛ ɔyɛ afĩdeɛ biara anaa odifudepɛfoɔ+—a ɛkyerɛ ɔbosonsonni—nni apɛgyadeɛ biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn ahennie mu.+