24 “Deɛ ɔhoahoa ne ho no, sɛ ɔwɔ me ho nhunumu+ ne nimdeɛ, sɛ mene Yehowa,+ Deɛ ɔyɛ adɔeɛ na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase soɔ no a,+ ɛno mmom na ɔmfa nhoahoa ne ho, ɛfiri sɛ yei na ɛsɔ m’ani,”+ Yehowa asɛm nie.
20 Na yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba,+ na wama yɛn adwene+ a yɛtumi de nya ɔnokwafoɔ no ho nimdeɛ.+ Yɛne ɔnokwafoɔ no ayɛ baako+ nam ne Ba Yesu Kristo so. Yei ne nokorɛ+ Nyankopɔn ne daa nkwa+ no.