Dwom 99:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔhene ahoɔden na ɔde bɛdɔ atɛntenenee.+Wo na woama teeyɛ atim.+Woama atɛntenenee ne adetenenee reyɛ adwuma Yakob mu.+ Hosea 6:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Mepɛ adɔeɛ,+ na ɛnyɛ afɔrebɔ;+ Onyankopɔn ho nimdeɛ, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.+ Mika 6:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Ɔdasani, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.+ Na ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ firi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee+ na woadɔ ayamyɛ+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn ananteɛ.+ Mika 7:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Hwan ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ deɛ ɔde mfomsoɔ firie+ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ nkaeɛ mmarato soɔ?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa, ɛfiri sɛ ɔpɛ adɔeɛ.+
4 Ɔhene ahoɔden na ɔde bɛdɔ atɛntenenee.+Wo na woama teeyɛ atim.+Woama atɛntenenee ne adetenenee reyɛ adwuma Yakob mu.+
8 Ɔdasani, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.+ Na ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ firi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee+ na woadɔ ayamyɛ+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn ananteɛ.+
18 Hwan ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ deɛ ɔde mfomsoɔ firie+ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ nkaeɛ mmarato soɔ?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa, ɛfiri sɛ ɔpɛ adɔeɛ.+