9 Ɛduruu baabi no, Dawid nkoa no kɔpuee Absalom so. Saa berɛ no, na Absalom te afunumupɔnkɔ bi so, na afunumupɔnkɔ no kɔfaa dua kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tiri nwi kɔsɔɔ dua kɛseɛ no mu maa no sensɛn soro a ne nan nka fam, na afunumupɔnkɔ a na ɔte so no toaa so kɔe.