14 Na ɔde Yerusalemfoɔ nyinaa ne mmapɔmma+ no nyinaa ne mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den+ no nyinaa, ne adwumfoɔ+ ne abantofoɔ no nyinaa, nnipa mpem du, kɔɔ nkoasom mu.+ Wɔannya obiara gye asase no so mmɔborɔfoɔ+ nko.
15 Mmɔborɔfoɔ a wɔwɔ ɔman no mu ne ɔmanfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn kuro no mu,+ ne wɔn a wɔdane kɔɔ Babilon hene afã, ne adwumayɛfoɔ nkaeɛ a wɔn ho akokwa no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+