16 ɛnneɛ me nso mɛyɛ deɛ ɛdi soɔ yi de atwe mo aso: Mede nsamanwa+ ne atiridii bɛbɔ mo na mo ani asɛe+ na mo kra ago.+ Mobɛdua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, ɛfiri sɛ mo atamfo na wɔbɛdie.+
37 na ɛreso nnɔbaeɛ+ pii ma ahemfo+ a yɛn bɔne+ nti wode wɔn asisi yɛn soɔ no, na wɔredi yɛn nipadua ne yɛn nyɛmmoa so sɛdeɛ wɔpɛ; yɛaba ahohia kɛseɛ mu.+
17 Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane.+ Wɔbɛmemene wo mma mmarima ne wo mma mmaa. Wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie. Wɔbɛdi wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.+ Wɔde nkrantɛ bɛbubu wo nkuro a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato soɔ no.”