7 “Na mɛma apam a me ne wo+ ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ sɛ daa apam+ de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba nyinaa so, na mɛyɛ Onyankopɔn ama wo ne w’aseni.+
8 Na ɛsiane sɛ Yehowa dɔ mo+ na ɔpɛ sɛ ɔdi ntam a ɔkaa mo agyanom no soɔ+ nti na Yehowa de nsa a ɛyɛ den yii mo+ firii nkoafie,+ na ɔgyee mo firii Egypt hene Farao nsam no.