Leviticus 19:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Monnni anyamehunu akyi,+ na monnyɛ dadeɛ anyame biara.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Deuteronomium 11:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Monhwɛ yie na biribiara antwetwe mo akoma+ na moankɔsom anyame foforɔ ankoto wɔn.+ Dwom 96:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+Na Yehowa deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+ 1 Korintofoɔ 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+
4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+