Deuteronomium 7:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Sɛ motie atemmusɛm yi na modi so a,+ Yehowa mo Nyankopɔn nso bɛdi apam+ ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+ Deuteronomium 7:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Yehowa bɛyi yareɛ biara afiri wo so; na ɔremfa yare bɔne a wohunuu no Egypt no biara mma wo so,+ na ɔde bɛkɔ wɔn a wɔtan woɔ nyinaa so. Deuteronomium 28:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 “Yehowa bɛma Egypt mpɔmpɔ abobɔ wo+ na wama kooko ne ntwom ne gyatɔ ayɛ wo, na worentumi nsa. Amos 4:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “‘Na memaa owuyareɛ a ɛte sɛ Egypt deɛ no bi baa mo so.+ Mede nkrantɛ kunkum mo mmeranteɛ+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛeɛ bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso yei nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.
12 “Sɛ motie atemmusɛm yi na modi so a,+ Yehowa mo Nyankopɔn nso bɛdi apam+ ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no so.+
15 Yehowa bɛyi yareɛ biara afiri wo so; na ɔremfa yare bɔne a wohunuu no Egypt no biara mma wo so,+ na ɔde bɛkɔ wɔn a wɔtan woɔ nyinaa so.
10 “‘Na memaa owuyareɛ a ɛte sɛ Egypt deɛ no bi baa mo so.+ Mede nkrantɛ kunkum mo mmeranteɛ+ na mefaa mo apɔnkɔ nnommum.+ Na memaa mo asoɛeɛ bɔn kankaankan kɔɔ mo hwenem;+ nanso yei nyinaa mu moansan amma me nkyɛn,’+ Yehowa asɛm nie.