10 Na da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babaa oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+
3 “‘Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ homeda a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiamu kronkron. Monnyɛ adwuma biara. Baabiara a mobɛtena no, monkae sɛ ɛyɛ homeda ma Yehowa.+