2 Ahemfo 25:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne Yerusalem afie+ nyinaa; ɔde gya hyee+ otitire biara fie. 2 Berɛsosɛm 36:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Afei ɔhyee nokorɛ Nyankopɔn fie+ no, na ɔdwirii Yerusalem afasuo no guiɛ;+ n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom boɔ+ nyinaa nso, ɔde gya hyeeɛ, na ɔsɛee hɔ pasaa.+ Yeremia 39:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na Kaldeafoɔ no de gya hyee ahemfie no ne ɔmanfoɔ no afie,+ na wɔdwirii Yerusalem afasuo no nso guiɛ.+ Yeremia 52:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie no ne Yerusalem afie nyinaa;+ ɔde gya hyee efikɛseɛ biara.+
19 Afei ɔhyee nokorɛ Nyankopɔn fie+ no, na ɔdwirii Yerusalem afasuo no guiɛ;+ n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom boɔ+ nyinaa nso, ɔde gya hyeeɛ, na ɔsɛee hɔ pasaa.+
8 Na Kaldeafoɔ no de gya hyee ahemfie no ne ɔmanfoɔ no afie,+ na wɔdwirii Yerusalem afasuo no nso guiɛ.+