Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 3:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Enti Israelfoɔ yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ firii Yehowa wɔn Nyankopɔn+ na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.+

  • 1 Ahemfo 14:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea+ ne abosom adum+ ne abosonnua+ wɔ nkokoɔ atenten+ nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase.

  • 2 Ahemfo 16:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Ɔkɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea+ ne nkokoɔ+ so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase.

  • 2 Berɛsosɛm 24:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Wɔde nkakrankakra gyaa wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa fie too hɔ, na wɔkɔsom abosonnua+ ne ahoni,+ na wɔn mmarato no nti, abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.+

  • 2 Berɛsosɛm 33:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Sorɔnsorɔmmea+ a ne papa Hesekia bubuiɛ+ no, ɔsan sisiiɛ, na ɔsisii afɔrebukyia+ maa Baal+ ahoni; ɔsisii abosonnua,+ ɔkotoo+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+

  • Dwom 78:58
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea no hyɛɛ no abufuo,+

      Na wɔde wɔn ahoni a wɔasene no huruu ne bo.+

  • Yesaia 1:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Nnipa ani bɛwu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho,+ na mo anim agu ase mo nturo ho.+

  • Yeremia 2:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 “‘Mefiri tete na mebubuu wo kɔndua+ mu asinasini; metetee wo nkyehoma mu. Nanso wokaa sɛ: “Merensom wo,” ɛfiri sɛ wodaa+ nkokoɔ atenten nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa ase bɔɔ adwaman.+

  • Hesekiel 6:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Na sɛ wɔn nkurɔfoɔ wuwu gu wɔn abosom fĩ ntam,+ wɔn afɔrebukyia ho nyinaa,+ nkokoɔ atenten nyinaa so,+ mmepɔ nyinaa so,+ ne nnua kusuu+ ne nnua frɔmfrɔm nyinaa bi ase,+ faako a wɔbɔ afɔdeɛ hwamhwam ma wɔn abosom fĩ+ nyinaa no a, mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+

  • Hesekiel 20:28
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 28 Mede wɔn baa asase+ a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma wɔn+ no so. Nanso sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn+ ne dua kusuu biara a, na wɔafiri aseɛ rebɔ afɔdeɛ wɔ hɔ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa hɔ de huruu me bo, na wɔbɔɔ afɔdeɛ hwamhwam+ guu nsã wɔ hɔ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane