Exodus 4:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na ɔkaa sɛ: “Ɛno bɛma wɔagye adi sɛ Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn,+ Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn+ ne Yakob Nyankopɔn+ no ayi ne ho adi akyerɛ wo.”+ Exodus 6:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na mede mo bɛyɛ me man,+ na mayɛ mo Nyankopɔn;+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt nkoasom mu+ no. Hesekiel 34:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 “‘Na mo, me nnwan,+ m’adidibea nnwan no deɛ, moyɛ nnipa. Na mene mo Nyankopɔn,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
5 Na ɔkaa sɛ: “Ɛno bɛma wɔagye adi sɛ Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn,+ Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn+ ne Yakob Nyankopɔn+ no ayi ne ho adi akyerɛ wo.”+
7 Na mede mo bɛyɛ me man,+ na mayɛ mo Nyankopɔn;+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Egypt nkoasom mu+ no.
31 “‘Na mo, me nnwan,+ m’adidibea nnwan no deɛ, moyɛ nnipa. Na mene mo Nyankopɔn,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”