12 Na ɛfiri da a wɔdii asase no so nnɔbaeɛ no bie no, mana no to twaeɛ, na Israelfoɔ annya mana bio.+ Saa afe no, wɔfirii aseɛ dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ+ no bi.
15 Wode aduane firi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsuo firii botan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa+ asase a womaa wo nsa so de kaa ntam sɛ wode bɛma wɔn no.+