Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 21:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Na nkurɔfoɔ no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose+ mprɛ pii sɛ: “Adɛn nti na mode yɛn afiri Egypt aba serɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu? Aduane biara nni ha, nsuo biara nni ha,+ na aduanefõ yi afono yɛn.”*+

  • Deuteronomium 8:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 mma w’akoma mmma ne ho so+ na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no.+

  • Deuteronomium 8:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Ɔno na ɔmaa wodii mana+ a w’agyanom nhunuu bi da wɔ serɛ so de kyerɛɛ wo ahobrɛaseɛ+ na ɔde sɔɔ wo hwɛeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye ɛbɛsi wo yie.+

  • Yosua 5:11, 12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Berɛ a wɔdii Twam no a adeɛ kyeeɛ no, saa da no ara na wɔfirii aseɛ dii asaase no so nnɔbaeɛ, paanoo a mmɔka* nnim+ ne nkyeweɛ. 12 Na da a wɔdii asaase no so nnɔbaeɛ no bi no, adeɛ kyeeɛ ara na mana no gyaee tɔ, na Israelfoɔ annya mana bio.+ Saa afe no, wɔfirii aseɛ dii Kaanan asaase no so nnɔbaeɛ no bi.+

  • Yohane 6:31, 32
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Yɛn agyanom dii mana wɔ serɛ so+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɔmaa wɔn paanoo a ɛfiri soro maa wɔdiiɛ.’”+ 32 Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mereka akyerɛ mo sɛ, Mose amma mo paanoo a ɛfiri soro; m’Agya mmom na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.

  • Yohane 6:58
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 58 Wei ne paanoo a ɛsiane firii soro baeɛ no. Ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ nanso wɔwuwuiɛ no. Obiara a ɔdi saa paanoo yi bi no, ɔbɛtena ase daa.”+

  • 1 Korintofoɔ 10:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Afei anuanom, mepɛ sɛ mohu sɛ na yɛn agyanom nyinaa wɔ mununkum no ase,+ na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,+

  • 1 Korintofoɔ 10:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 na wɔn nyinaa dii honhom fam aduane+ korɔ,

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane