-
Yosua 24:6, 7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Berɛ a meyii mo agyanom firii Egypt+ bɛduruu po no ho no, Egyptfoɔ de nteaseɛnam ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so taa mo agyanom so kɔduruu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho tɔnn.+ 7 Na wɔfirii aseɛ su frɛɛ Yehowa,+ enti ɔmaa esum kabii bɛdaa mo ne Egyptfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so.+ Mo ara mode mo ani hunuu deɛ meyɛɛ wɔ Egypt no.+ Na motenaa serɛ so mfeɛ* pii.+
-