Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 14:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Enti monhwɛ na moante atua antia Yehowa, na monnsuro nnipa a wɔte asaase no so no,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ koko koraa ma yɛn.* Wɔnni ahobammɔ biara, na yɛn deɛ, Yehowa ka yɛn ho.+ Monnsuro wɔn.”

  • Deuteronomium 20:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Ɔnka sɛ, ‘O Israel montie, ɛnnɛ morekɔ mo atamfo so ne wɔn akɔko. Mommma mo akoma nntu, monnsuro wɔn, na mommmɔ hu, na mommma mo ho mmpopo,

  • 2 Berɛsosɛm 20:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Na ɔkaa sɛ: “Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne Ɔhene Yehosafat, monyɛ aso! Deɛ Yehowa reka akyerɛ mo nie, ‘Monnsuro, na mommmɔ hu ɛdɔm kɛseɛ yi nti; ɛfiri sɛ ɛko no nyɛ mo ko, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.+

  • 2 Berɛsosɛm 20:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Ɛko yi, ɛnyɛ mo na mobɛko. Monkɔgyinagyina hɔ, monyɛ komm+ na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa.+ O Yuda ne Yerusalem, monnsuro, na mommmɔ hu.+ Ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na Yehowa bɛdi mo akyi.’”+

  • Dwom 27:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.

      Hwan na ɛsɛ sɛ mesuro no?+

      Yehowa ne abandenden a me nkwa hyɛ ne nsa.+

      Hwan na ɛsɛ sɛ me ho popo n’anim?

  • Dwom 46:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 46 Onyankopɔn ne yɛn dwankɔbea ne yɛn ahoɔden,+

      Ahohia mu boafoɔ a ɔwɔ hɔ daa.+

  • Yesaia 41:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Nsuro, ɛfiri sɛ meka wo ho.+

      Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, ɛfiri sɛ mene wo Nyankopɔn.+

      Mɛhyɛ wo den, aane, mɛboa wo,+

      Mede me tenenee nsa nifa bɛsɔ wo mu dendeenden.’

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane