Exodus 17:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛnna Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ ɔman yi? Aka kakraa bi na wɔasi me aboɔ!”+ Numeri 14:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Nanso asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi wɔn aboɔ.+ Na Yehowa animuonyam baa ahyiaeɛ ntomadan no so maa Israelfoɔ no nyinaa hunuiɛ.+ 2 Berɛsosɛm 10:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram+ a ɔhwɛ apaafoɔ soɔ no, nanso Israelfoɔ sii no aboɔ+ kuu no. Ɔhene Rehoboam deɛ, ɔbɔɔ mmɔden foro kɔtenaa ne teaseɛnam mu dwane kɔɔ Yerusalem.+ 2 Berɛsosɛm 24:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɛnna wɔbɔɔ ne ho pɔ,+ na ɔhene hyɛ maa wɔsii no aboɔ+ Yehowa fie adihɔ. Asomafoɔ Nnwuma 5:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Enti ɔhwɛfoɔ no ne n’awɛmfoɔ kɔfaa wɔn baeɛ, nanso wɔanyɛ wɔn basabasa, ɛfiri sɛ na wɔsuro+ sɛ nkurɔfoɔ no bɛsi wɔn aboɔ.
10 Nanso asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi wɔn aboɔ.+ Na Yehowa animuonyam baa ahyiaeɛ ntomadan no so maa Israelfoɔ no nyinaa hunuiɛ.+
18 Ɛno akyi no, Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram+ a ɔhwɛ apaafoɔ soɔ no, nanso Israelfoɔ sii no aboɔ+ kuu no. Ɔhene Rehoboam deɛ, ɔbɔɔ mmɔden foro kɔtenaa ne teaseɛnam mu dwane kɔɔ Yerusalem.+
26 Enti ɔhwɛfoɔ no ne n’awɛmfoɔ kɔfaa wɔn baeɛ, nanso wɔanyɛ wɔn basabasa, ɛfiri sɛ na wɔsuro+ sɛ nkurɔfoɔ no bɛsi wɔn aboɔ.