14 Enti berɛ a Abram tee sɛ wɔafa ne nua no dommum no,+ ɔfaa mmarima+ ahasa dunwɔtwe a wɔatete wɔn akodie mu, nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fie,+ na wɔtĩĩ wɔn kɔduruu Dan.+
34Afei Mose firi Moab serɛ so kɔɔ Bepɔ Nebo+ so wɔ Pisga+ a ɛne Yeriko+ di nhwɛanimu no. Na Yehowa de asase no nyinaa kyerɛɛ no, ɛfiri Gilead kɔsi Dan,+
20Enti Israelfoɔ nyinaa firii adi,+ na asafo no boaboaa wɔn ano te sɛ onipa baako,+ ɛfiri Dan+ kɔsi Beer-Seba+ ne Gilead+ asase so, na wɔkɔɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+
29 Nebat ba Yeroboam bɔne+ a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no nko na Yehu antwe ne ho amfiri ho; ɛno ne sika anantwie mma+ a na baako si Betel na baako nso si Dan+ no.