Deuteronomium
34 Afei Mose firi Moab serɛ so kɔɔ Bepɔ Nebo+ so wɔ Pisga+ a ɛne Yeriko+ di nhwɛanimu no. Na Yehowa de asase no nyinaa kyerɛɛ no, ɛfiri Gilead kɔsi Dan,+ 2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase ne Yuda asase nyinaa kɔsi po a ɛda atɔeɛ fam no ho,+ 3 ne Negeb+ ne Yordan Mantam+ ne mmɛ kuro,+ Yeriko serɛ so, de kɔsi Soar.+
4 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefoɔ’+ no. Mama wode w’ani ahunu, na wo nan deɛ, ɛrensi hɔ.”+
5 Afei Yehowa akoa Mose+ wuu Moab asase so sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ 6 Na ɔsiee no bɔn mu wɔ Moab asase so, baabi a ɛne Bet-Peor+ di nhwɛanimu, na obiara nhunuu ne damena de bɛsi nnɛ.+ 7 Berɛ a Mose wuiɛ no na wadi mfeɛ ɔha aduonu.+ Na n’ani so anyɛ no kusuu,+ na n’ahoɔden so anhwan.+ 8 Israelfoɔ suu Mose adaduasa+ wɔ Moab serɛ so. Na berɛ a wɔde suu Mose yɛɛ n’ayie no baa awieeɛ.
9 Na nyansa bɛhyɛɛ Nun ba Yosua mã,+ ɛfiri sɛ na Mose de ne nsa agu ne so.+ Na Israelfoɔ yɛɛ aso tiee no na wɔyɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+ 10 Nanso odiyifoɔ biara nsɔree Israel a ɔte sɛ Mose+ a Yehowa huu no animu ne animu no.+ 11 Sɛ yɛhwɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Yehowa somaa no maa no kɔyɛɛ no Egypt, Farao ne ne nkoa ne n’asase nyinaa soɔ,+ 12 ne ahoɔdenneɛ ne ahudeɛ a Mose yɛɛ no Israelfoɔ nyinaa anim no a, obiara nni hɔ a ɔte sɛ no.+