11 Yehowa ne Mose kasaa animu ne animu+ te sɛ deɛ obi ne ne yɔnko kasa. Na sɛ ɔsan kɔ nsraban no mu a, ne somfoɔ+ Yosua a ɔyɛ Nun ba+ no deɛ, ɔmfiri ntomadan no mu.
8 Me ne no kasa ano ne ano+ kyerɛ no biribiara pefee, na menkasa nkyerɛ no abebuo+ mu. Yehowa no ara yi ne ho adi kyerɛ no.+ Adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”+