Exodus
27 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔrebukyia;+ ne ntwemu nyɛ basafa nnum, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa nnum. Ɛnyɛ ahinanan, na ne tenten nyɛ basafa mmiɛnsa. 2 Yɛ mmɛn+ tuatua n’apɔ nnan no so. Mmɛn no mfiri dua korɔ no ara mu, na fa kɔbere dura ho.+ 3 Na yɛ adeɛ a wɔde bɛsesa nsõ,* na yɛ sofi, nyaawa, adinam, ne afagya. Fa kɔbere yɛ ɛho nneɛma nyinaa.+ 4 Afei fa kɔbere yɛ nkantankantan,+ na fa bi yɛ nkawa nnan wɔ ntwea nnan no so. 5 Fa nkantankantan no hyɛ afɔrebukyia no mfimfini.+ 6 Na fa ɔkanto sene nnua nteaanteaa ma afɔrebukyia no, na fa kɔbere dura ho.+ 7 Afei fa nnua no hyehyɛ nkawa a ɛwɔ n’afãnu no mu na wɔde asoa.+ 8 Fa nnua yɛ no sɛ adaka a ɛkwan da mu. Ma wɔnyɛ no sɛdeɛ ɔkyerɛɛ wo wɔ bepɔ no soɔ no.+
9 “Afei yɛ ntomadan no ho baabi a wɔde bɛyɛ adihɔ.+ Yɛ nwera a wɔanwene+ sensɛn adihɔ no fã a ɛhwɛ Negeb, wɔ anafoɔ fam, na ma ne ntwemu nyɛ basafa ɔha. 10 Adum aduonu ne nnyinasoɔ aduonu a ɛwɔ hɔ no yɛ kɔbere. Na adum no mpɛɛwa ne ne nkawa yɛ dwetɛ.+ 11 Saa ara na nwera a ne ntwemu yɛ basafa ɔha sɛn atifi fam, na adum aduonu ne nnyinasoɔ aduonu no yɛ kɔbere, na adum no mpɛɛwa ne ne nkawa yɛ dwetɛ.+ 12 Adihɔ no tɛtrɛtɛ ho no, nwera basafa aduonum sɛn ne fã a ɛhwɛ atɔeɛ fam no, na adum du sisi nnyinasoɔ du+ so. 13 Na adihɔ no fã a ɛhwɛ apueeɛ no nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonum.+ 14 Na adum mmiɛnsa sisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so wɔ ɛpono no nifa, na ntoma a ɛsɛn soɔ yɛ basafa dunum.+ 15 Na ɛpono no benkum nso, adum mmiɛnsa sisi nnyinasoɔ mmiɛnsa so,+ na ntoma a ɛsɛn soɔ yɛ basafa dunum.
16 “Adihɔ no pono ano nso, nkataano a ne tenten yɛ basafa aduonu sɛn hɔ. Ahoma bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan ne nwera na wɔde anwene,+ na ɛsɛn adum nnan a ɛwɔ nnyinasoɔ nnan so.+ 17 Adum a atwa adihɔ no ho ahyia nyinaa ho nkawa ne mpɛɛwa yɛ dwetɛ, na ne nnyinasoɔ no nso yɛ kɔbere.+ 18 Adihɔ no ntwemu yɛ basafa ɔha,+ na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonum, na nwera a wɔanwene a ɛsensɛn hɔ no, ɛfiri soro bɛsi fam, yɛ basafa nnum. Adum no nnyinasoɔ yɛ kɔbere. 19 Na ntomadan no mu anwenneɛ, ne ne mpɛɛwa, ne adihɔ mpɛɛwa no nyinaa nso yɛ kɔbere.+
20 “Na ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmma wo ngodua ngo korɔgyenn a wɔde bɛgu kanea biara mu asɔ daa.+ 21 Aaron ne ne mma nsɔ kanea no wɔ ntwamutam+ a ɛsɛn Adanseɛ no ho no anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na wɔnhwɛ sɛ ɛbɛsi so firi anwummerɛ akɔsi anɔpa wɔ Yehowa anim.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ a Israelfoɔ bɛdi so daa+ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+