35 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ,+ na mmom hwɛ sɛ deɛ mɛka akyerɛ woɔ nko ara na wobɛka.”+ Ɛnna Balaam ne Balak mpanimfoɔ no toaa so kɔeɛ.
11 Akyire yi Yehowa bɔfoɔ+ bɛtenaa dupɔn a ɛsi Ofra no ase, Abiesarni+ Yoas dupɔn no. Saa berɛ no na ne ba Gideon+ reporo ayuo wɔ nsã-kyi-amena mu, sɛdeɛ Midianfoɔ no renhunu.