Exodus 10:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Afei mesrɛ mo momfa me bɔne yi nkyɛ me, prɛko yi;+ na monsrɛ+ mo Nyankopɔn Yehowa mma me na ɔnyi owuo yi mfiri me so.” Numeri 21:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Afei nkurɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yɛayɛ bɔne+ ɛfiri sɛ yɛakasa atia Yehowa ne wo. Pa Yehowa kyɛw ma yɛn na ɔmma awɔ no nkɔ.”+ Ɛnna Mose kɔpaa kyɛw maa ɔman no.+ Yeremia 37:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal+ ne ɔsɔfoɔ Maaseia+ ba Sefania+ kɔɔ odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: “Yɛsrɛ wo, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn no mpaeɛ ma yɛn.”+ Asomafoɔ Nnwuma 8:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ɛnna Simon buaa sɛ: “Monsrɛ Yehowa mma me,+ na deɛ moaka yi mu biara amma me so.” Yakobo 5:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔteneneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+
17 Afei mesrɛ mo momfa me bɔne yi nkyɛ me, prɛko yi;+ na monsrɛ+ mo Nyankopɔn Yehowa mma me na ɔnyi owuo yi mfiri me so.”
7 Afei nkurɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yɛayɛ bɔne+ ɛfiri sɛ yɛakasa atia Yehowa ne wo. Pa Yehowa kyɛw ma yɛn na ɔmma awɔ no nkɔ.”+ Ɛnna Mose kɔpaa kyɛw maa ɔman no.+
3 Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal+ ne ɔsɔfoɔ Maaseia+ ba Sefania+ kɔɔ odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: “Yɛsrɛ wo, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn no mpaeɛ ma yɛn.”+
16 Enti monkeka mo bɔne nkyerɛkyerɛ mo ho pefee+ na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na mo ho ayɛ mo den.+ Sɛ ɔteneneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.+